JW subtitle extractor

Kae Yesu Wu No

Video Other languages Share text Share link Show times

Fa no sɛ asomdwoe ne ahotɔ aba
wiase baabiara,
ɔhaw deɛ, wo ne no to nkwanta a,
moapae
aduane abu so;
obiara nya nea ɔpɛ di mee
wo ho baabiara mmu wo dwɛ.
Ɛnneɛ,
ɛdeɛn na ɛbɛma wei nyinaa
aba mu?
Wunim,
Yesu ayɛ biribi ama yɛn.
Ɛno nti na ɔbaa asase so.
Ɔdɔ me ne wo,
enti obewu de ne nkwa too hɔ
maa yɛn.
Ade rebɛkye ama wawu no,
ɔne n’asomafo no hyiaa anadwo,
na ɔkaa biribi a ɛfa me ne wo
nyinaa ho.
Ɔkaa sɛ:
“Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”
Afe yi nso,
nnipa behyia wiase afanan nyinaa
akae Yesu wuo no.
Yehowa Adansefo reto nsa afrɛ
wo ne w’abusua sɛ mommɛka yɛn ho
ma yɛnkae Yesu.
Wo ba a
wubehu sɛnea ne wuo no
ka me ne wo nyinaa
ne nhyira a yebenya daakye.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu baabi a wɔbɛyɛ
dwumadi no wɔ wo mpɔtam hɔ a,
bisa Yehowa Adansefo ma
wɔnkyerɛ wo,
anaa kɔ yɛn wɛbsaet
jw.org/tw
na hwehwɛ Yehowa Adansefo
asafo nhyiam ho nsɛm.